1 Na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo nguan. Ɔde nguan no wuraa sare no mu kɔɔ akyirikyiri koduu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw[a] no so. 2 Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew. 3 Enti Mose kae se, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi ahu nea nti a wura no nhyew.”
4 Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!”
5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.” 6 Ɔtoaa so se, “Mene wʼagyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” Mose kataa nʼanim, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.
7
11 Mose kae se, “Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?”
12 Onyankopɔn buaa no se, “Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so.”
13 Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”
14 Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘
15 Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘
16 “Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘
18 “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘
21 “Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan. 22 Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.”
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 22 Mose (Ɛksodɔs) 4 ->-
a Onyankopɔn bepɔw yɛ Bepɔw Sinai.