1 Yesu fi faako a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho. 2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn.
4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni,
12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare.
14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.”
15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba.
16 Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.”
17 Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware. 18 Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.” 19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi. 20 Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no.
21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. 22-23 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!”
24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!”
25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!”
26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so. 27 Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti, 28 na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. 29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu.
30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,
32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. 33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho. 34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu.
35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.”
37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se,
38 Yesu bisaa wɔn se,
39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; 44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
45 Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. 46 Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae.
47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa huu no.
53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. 54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no. 55 Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. 56 Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.
<- Marko 5Marko 7 ->