1 Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.[a] 2 Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3 Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.”
4 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa
5 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”
6 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti
7 Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.”
8 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea
11 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ
12 Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.”
13 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ
14 Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?”
15 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama
16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na
17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.”
18 Mikaia toaa so se, “Tie nea
21 Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.”
22 “Enti woahu sɛ
23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na
24 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.”
25 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. 26 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ”
27 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ,
28 Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
30 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na
33 Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.” 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui.
<- 2 Beresosɛm 172 Beresosɛm 19 ->-
a Ɛha na wɔka Yehosafat nhyira ne ahonya a onya fii ne nokwaredi mu ho asɛm. Wɔka ananafo nkabomdi a ɔnam aware a ɔne Ɔhene Ahab yɛe a na odiyifo no mpɛ ho asɛm (19.2-3). Saa Ahab babea Atalia aware yi, anka ɛrema wɔatɔre Dawid anato no ase. (22.10–23.21).