1 Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho. 2 Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no. 3 Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa. 4 Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ. 5 Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma.
6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree. 7 Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. 8 Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi. 9 Kyerɛwsɛm no ka se
12 Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase. 13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. 14 Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. 15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho.
<- 2 Korintofo 82 Korintofo 10 ->