1 Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2 Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.
3 Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho. 4 Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.
7 Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so. 8 Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim. 9 Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10 Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ.
11 Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase:
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso:
13 Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye: 14 Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. 15 Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.