1 Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ
4 Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. 5 Wotuaa kuropɔn no kosii Ɔhene Sedekia adedi afe a ɛto so dubaako no mu.
6 Eduu ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so akron no, na ɔkɔm a asi kuropɔn no mu no ano ayɛ den a mu nnipa no nnya aduan nni. 7 Na wɔpaee kuropɔn no fasu mu, na asraafo no nyinaa guanee. Wɔfaa ɔhene turo mu fii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɔpon a ɛwɔ afasu abien no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba. 8 Nanso Babilonia asraafo no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tataw so. Na nʼasraafo no nyinaa afi ne ho abɔ ahwete, 9 na wɔkyeree no.
12 Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13 Ɔde ogya too
17 Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ
20 Kɔbere mfrafrae a wɔde yɛɛ afadum abien no, Po no ne anantwinini dumien a ɛwɔ nʼase ne nnyinaso a wɔmema so, na wontumi nkari saa nneɛma a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ
24 Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. 25 Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. 26 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. 27 Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat.
31 Yudahene Yehoiakyin nnommumfa afe a ɛto so aduasa ason mu a Ewil-Merodak bɛyɛɛ Babiloniahene no, oyii Yudahene Yehoiakyin fii afiase wɔ ɔsram a ɛto so dumien no da a ɛto so aduonu anum. 32 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. 33 Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. 34 Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.