Yohane Adiyisɛm
1 Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2 sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no. 3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn.
4 Yohane,
8 Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, “Mene Alfa ne Omega[b] a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no.”
9 Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so. 10 Awurade da no,[c] Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11 Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.”
12 Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason. 13 Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina. 14 Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawamfuturu anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛw sɛ ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ asanka a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ asuworoe a ano yɛ den. 16 Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam[d] fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia.
17 Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se,
19
-
a Na atetew ne ho bɛyɛ borɔfokwansin 50 a ayɛ Dantaban Asia atifi fam a etwa kɔ nifa so Efeso atifi fam na abɛyɛ Dantaban mua fi Laodikea (Efeso apuei fam).
b Hela nkyerɛwde a edi kan ne nea etwa to. Onyankopɔn yɛ mfiase ne awiei (21.6). Ne tumi di biribiara so wɔ adesa abakɔsɛm nyinaa mu. (22.13).
c Da a edi nnaawɔtwe no kan no kasakoa mu ne no. Wɔfrɛɛ da no saa, efisɛ saa da no na Yesu sɔre fii awufo mu. Saa da no ara nso na Kristofo hyiae (Hwɛ Aso 20.7) na wogyigyee tow (Hwɛ 1 Ko 16.2).
d Saa afoa no kyerɛ honhom mu atemmu (Hwɛ Yes 49.2; Heb 4.12).