1 Anuanom, ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokorɛ kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. 2 Meyɛɛ mʼadwene sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afiri biribiara gye Yesu Kristo nko na ne titire no, ne wuo wɔ asɛnnua no so no. 3 Enti, ɛberɛ a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛ a ehu ne ahopopoɔ aka me. 4 Na me nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛeɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so na mekyerɛkyerɛeɛ, na mmom, menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. 5 Enti, mo gyidie nnyina onipa nyansa so, na mmom, ɛgyina Onyankopɔn tumi so.
Onyankopɔn Nyansa
6 Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyini wɔ Honhom mu. Nanso, saa nyansa no nyɛ ewiase nyansa anaa ewiase yi mu tumi ahodoɔ a wɔn tumi resa no. 7 Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahinta nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dada sɛ yɛn animuonyam ahyɛdeɛ ansa na wɔrebɔ ewiase. 8 Aman sodifoɔ biara nnim saa nyansa no. Sɛ wɔnim a, anka wɔremmɔ Awurade a animuonyam ahyɛ no ma no asɛnnua mu. 9 Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Deɛ onipa biara anhunu na wante da,
deɛ onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no,
ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn.
Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kɔsi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. 11 Onipa deɛ, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na ɛnim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na ɛnim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. 12 Ɛnyɛ ewiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛdeɛ ɛbɛma yɛahunu deɛ Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. 13 Enti, ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom, nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokorɛ reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. 14 Nanso, obi a ɔnni Honhom no rentumi nnya akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente aseɛ da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, ɛfiri sɛ, wɔgyina Honhom no nko so na wɔbɛtumi anya nteaseɛ a ɛsɛ. 15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. 16 Atwerɛsɛm no ka sɛ,