1 Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase. 2 Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. 3 Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.
4 Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. 5 Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ. 6 Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.
7 Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho ɛfiri sɛ, ɔdɔ firi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na ɔnim Onyankopɔn nso. 8 Obi a ɔnni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn ɛfiri sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. 9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba korɔ no baa ewiase sɛdeɛ yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Yei ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn enti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11 Anuanom adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. 12 Obiara nhunuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
13 Yei na ɛma yɛhunu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14 Na yɛahunu na yɛaka akyerɛ afoforɔ sɛ Agya no somaa ne Ba maa ɔbɛyɛɛ ewiase Agyenkwa. 15 Obiara a ɔpae mu ka sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16 Na yɛn ankasa nim na yɛgye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.
19 Yɛwɔ ɔdɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kane. 20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhunu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunu no. 21 Yei ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.
<- 1 Yohane 31 Yohane 5 ->