1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, fee nʼafono ho, kaa sɛ, “Mereyɛ yei de akyerɛ sɛ
3 “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako. 4 Wɔbɛkyea mo, na wɔama mo burodo mua mmienu, na ɛsɛ sɛ mogye firi wɔn nkyɛn.
5 “Na sɛ moduru Onyankopɔn kokoɔ a ɛwɔ Gibea a Filistifoɔ akodɔm abɔ kyɛmpem wɔ hɔ no a, mobɛhunu adiyifoɔ asafodɔm sɛ wɔfiri afɔrebukyia a ɛwɔ bepɔ no so hɔ resiane ba. Ɛhɔ na mobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane firi bepɔ no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne nsankuo di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. 6 Saa ɛberɛ no,
9 Saulo danee ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa nʼakoma, na Samuel nsɛnkyerɛnneɛ nyinaa baa mu da no. 10 Ɛberɛ a Saulo ne ne ɔsomfoɔ no duruu Gibea no, wɔhunuu sɛ adiyifoɔ no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm. 11 Ɛberɛ a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteaam sɛ, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ nkɔmhyɛni?”
12 Nanso, ɛhɔni bi kaa sɛ, “Sɛdeɛ nʼagya te deɛ, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ nkɔmhyɛni.” Enti, ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ sɛ, “Enti, Saulo nso abɛyɛ nkɔmhyɛni?” 13 Saulo gyaee nkɔmhyɛ no, ɔforo bepɔ no kɔɔ afɔrebukyia no so.
14 Ɔduruu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no sɛ, “Ɛhefa na wokɔeɛ a dadaada yɛnhunuu wo yi?”
15 Ne wɔfa no bisaa sɛ, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkaeɛ?”
16 Saulo buaa sɛ, “Ɔkaa sɛ, wɔahunu mfunumu no.” Nanso, Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wɔbɛsi no ɔhene.
17 Samuel frɛɛ Israelfoɔ nyinaa baa
20 Samuel maa Israel mmusuakuo nyinaa baeɛ no, Benyamin abusuakuo na wɔyii wɔn. 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no mu mmusua nyinaa baa
23 Enti, wɔtuu mmirika kɔfaa no baeɛ. Na ɔbɛgyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɔbarima a
25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahennie no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔtwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ so, de kɔtoo
26 Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no. 27 Nanso, amumuyɛfoɔ bi kaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wɔsopaa no a wɔammrɛ no akyɛdeɛ biara. Nanso Saulo ammua wɔn.
<- 1 Samuel 91 Samuel 11 ->