1 Ɛda koro bi, Dawid tee sɛ Filistifoɔ no aba Keila, na wɔrewia wɔn ayuo wɔ wɔn ayuporobea. 2 Dawid bisaa
3 Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.”
4 Enti Dawid bisaa
5 Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6 Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri
7 Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” 8 Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.
9 Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa
12 Bio, Dawid bisaa sɛ, “Enti, Keila mmarima bɛyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”
13 Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia firii Keila, na wɔkyinkyinii baabiara a wɔbɛtumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afiri Keila no, ɔgyaee nʼakyi die.
14 Afei, Dawid tenaa nʼabanbɔeɛ hɔ wɔ ɛserɛ so ne Sif mmepɔ asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyeɛ ne adesaeɛ biara, nanso
15 Dabi a Dawid wɔ Hores wɔ Sif ɛserɛ so no, ɔtee sɛ Saulo nam ɛkwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. 16 Na Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidie mu. 17 Yonatan hyɛɛ no den sɛ, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhunu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabadiakyire, sɛdeɛ mʼagya Saulo nim no.” 18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ
19 Ɛnna Sififoɔ no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔyii Dawid maeɛ sɛ, “Yɛnim baabi a Dawid akɔhinta. Ɔwɔ banbɔeɛ mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔ mu, wɔ Yesimon anafoɔ fam ha yi. 20 Ɔhene, ɛberɛ biara a wobɛnya kwan no, bra na yɛbɛkyere no ama wo.”
21 Saulo kaa sɛ, “
24 Na Sif mmarima dii Saulo ɛkan kɔɔ wɔn kurom. Saa ɛberɛ no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon ɛserɛ a ɛwɔ Araba bɔnhwa a ɛwɔ Yesimon anafoɔ fam no so. 25 Ɛberɛ a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ ɛserɛ so akyirikyiri, kɔsii ɔbotan kɛseɛ no ho, tenaa Maon ɛserɛ so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so pɛɛ no.
26 Afei Saulo ne Dawid kɔdii afa ne afa wɔ bepɔ no so. Ɛbaa sɛ Saulo ne ne mmarima hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrebɛn Dawid no, 27 Saulo nyaa nkra bi a emu yɛ den sɛ, Filistifoɔ abɛto ahyɛ Israel so refom wɔn nneɛma bio. 28 Ɛno enti, Saulo gyaee Dawid akyidie, na ɔsane nʼakyi sɛ ɔne Filistifoɔ no rekɔko. Ɛfiri saa ɛberɛ no, baabi a Dawid tenaeɛ hɔ no, wɔtoo no edin Dwaneeɛ Botan. 29 Enti, Dawid kɔtenaa En-Gedi banbɔeɛ.
<- 1 Samuel 221 Samuel 24 ->