1 Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ.
4 Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ
5 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde
10 Enti, Filistifoɔ no koo anibereɛ so, dii Israelfoɔ no so bio. Wɔn a wɔkunkumm wɔn no dɔɔso. Israelfoɔ ɔpeduasa na wɔkunkumm wɔn ɛda no. Wɔn a wɔnyaa wɔn ti didii mu no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. 11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wɔkunkumm Eli mmammarima baanu a wɔyɛ Hofni ne Pinehas no.
12 Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ. 13 Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, ɛfiri sɛ, na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfoɔ no ba bɛkaa asɛm a asie no, wɔtee nteateamu bi wɔ kuro no mu nyinaa. 14 Eli bisaa sɛ, “Saa nteateamu yi ase ne sɛn?”
17 Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Israelfoɔ adi nkoguo. Israel akodɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmammarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso wɔawuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”
18 Ɔbɔfoɔ no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli firi akonnwa a ɔte so mu wɔ abɔntenpono ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu buiɛ, ɛfiri sɛ, na wabɔ akɔkoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirinhyia aduanan.
19 Saa ɛberɛ no na nʼase baa a ɔyɛ Pinehas yere nyem a ɔreyɛ awoɔ. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwuo no, awoɔ kaa no amonom hɔ. 20 Ɔwuu wɔ awokoɔ mu, nanso ansa na ɔrebɛwu no, mmaa a wɔregye no awoɔ no kaa sɛ, “Nsuro woawo abarimaa.” Nanso, wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.
21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no edin Ikabod, “Animuonyam no wɔ he, Israel animuonyam no asa,” ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. 22 Ɔkaa sɛ, “Animuonyam afiri Israel mu, ɛfiri sɛ, wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”
<- 1 Samuel 31 Samuel 5 ->