1 Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa. 2 Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. 3 Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.”
4 Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa
5 Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?”
6 Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na
7 Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa
8 Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ
11 Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ,
12 Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ ɔbɛdi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho bɔ.”
13 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a
14 Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?”
15 Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama
16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu no, mehunuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na
17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ na ɔka kyerɛ me.”
18 Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ
21 Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.”
22 “Enti, woahunu sɛ
23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na
24 Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”
25 Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas. 26 Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’ ”
27 Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ,
28 Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa. 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
30 Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.” 31 Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na
33 Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ wɔ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne.” 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ.
<- 2 Berɛsosɛm 172 Berɛsosɛm 19 ->