1 Afei, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a ɔdi hɔ. Na Arabfoɔ afomfafoɔ akuo akunkum mmammarima mpanimfoɔ no nyinaa. Ɛno enti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na ɔdii ɔhene wɔ Yuda.
2 Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii ɔhene afe wɔ Yerusalem. Na ne maame a ɔyɛ Israelhene Omri nana no din de Atalia.
3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛeɛ no bi, ɛfiri sɛ, ne maame hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. 4 Ɔyɛɛ bɔne
7 Na yei danee mfomsoɔ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ, ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kɔhyiaa Nimsi babarima Yehu, a na
10 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehyeɛ abusua no. 11 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa, faa Ahasia babarima abadomaa Yoas firii ɔhene no mma a aka a wɔrebɛkum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kɔsiee pia bi mu. Yei ne ɛkwan a ɔsɔfoɔ Yehoiada yere Yehoseba faa so de abɔfra no sieeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Atalia nnya no nkum no. 12 Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfeɛ nsia wɔ ɛberɛ a na Atalia di ɔman no so no.
<- 2 Berɛsosɛm 212 Berɛsosɛm 23 ->