1 Yuda manfoɔ de Amasia babarima Usia a na wadi mfeɛ dunsia tenaa ahennwa so sɛ wɔn ɔhene foforɔ. 2 Usia agya wuo akyi no, ɔsane kyekyeree Elot kuro no, na ɔdane maa Yuda. 3 Usia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunsia, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum mmienu. Ne maame a ɔfiri Yerusalem no din de Yeholia. 4 Na ɔtene wɔ
6 Ɔtuu Filistifoɔ so sa, na ɔbubuu Gat, Yabne ne Asdod afasuo. Na ɔkyekyeree nkuro afoforɔ wɔ Asdod fam ne mmeammea bi a ɛwɔ Filistia. 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifoɔ koeɛ no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfoɔ a wɔwɔ Gur Baal koeɛ ne Meunifoɔ ko mu nso, ɔboaa no. 8 Meunifoɔ no tuaa apeatoɔ maa no, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ tumi a ɛso.
9 Usia[a] sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɛtwɛwa Ɛpono ano, Bɔnhwa Ɛpono ano ne ɔfasuo no ntwea mu no so. 10 Ɔsane sisii abankɛseɛ wɔ ɛserɛ so, tutuu nsubura bebree, ɛfiri sɛ, na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔ ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfoɔ bebree a wɔhwɛ ne mfuo ne ne bobefuo a ɛwɔ mmepɔ no nsianeɛ mu ne bɔnhwa nsase bereɛ no so.
11 Na Usia wɔ asraafoɔ a wɔyɛ akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ akodie mu nteteeɛ. Na wɔyɛ akuakuo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ akodɔm no twerɛfoɔ ne ne ɔboafoɔ Maaseia na wɔboaboa akofoɔ kɛseɛ yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanimfoɔ no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofoɔ mpenu ahansia na na wɔma saa akofoɔ abenfoɔ yi akwankyerɛ. 13 Na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa ne nson ne ahanum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfoɔ biara. 14 Usia maa akodɔm no nyinaa akokyɛm, mpea, nnadeɛ kyɛ, nkataboɔ, bɛmma ne ahwimmoɔ aboɔ. 15 Afei, abenfoɔ bi yɛɛ mfidie de sisii Yerusalem afasuo no so a ɛto agyan ne aboɔ firi abantenten no so ne ɔfasuo twɛtwɛwa so. Nʼanimuonyam hyetaeɛ, ɛfiri sɛ, Awurade boaa no yie kɔsii sɛ ɔnyaa tumi kɛseɛ.
16 Nanso, ɔnyaa tumi kɛseɛ no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so maa ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa
19 Usia bo fuu yie, na wamfa nnuhwamhyeɛ kuruwa a na ɛkura no no ansi fam. Ɔne asɔfoɔ no gyina nnuhwam afɔrebukyia no anim wɔ
-
a 26.9 Usia dii nkonim wɔ anafoɔ-apueeɛ ne anafoɔ-atɔeɛ fam. Israelhene oniɛdenfoɔ Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so.