1 Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra
6 Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka sɛ:
10 Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw. 11 Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. 12 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma
13 Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no. 14 Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu.
15 Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa
21 Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa
22 Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som
23 Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe. 24 Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho. 25 Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ. 26 Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so. 27 Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea hɔ.
<- 2 Berɛsosɛm 292 Berɛsosɛm 31 ->