1 Yosia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduasa baako. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ
3 Yosia hyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Onyankopɔn akyiri ɛkwan wɔ ɛberɛ a na ɔda so yɛ abɔfra a wadi adeɛ mfeɛ nwɔtwe. Na ne mfeɛ dumienu so no, ɔdwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom asɔreeɛ nyinaa, Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa. 4 Ɔhwɛ ma wɔbubuu Baal nsɛsodeɛ afɔrebukyia no ne nnuhwam afɔrebukyia no nyinaa guiɛ. Ɔmaa wɔdwerɛɛ Asera afɔrebukyia, ahoni a wɔasene ne nsɛsodeɛ a wɔagu no nyinaa, na wɔto petee awufoɔ a wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn no damena so. 5 Afei, ɔhyee abosomfoɔ nnompe. Ɔhyee no wɔn ankasa afɔrebukyia so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem ho. 6 Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkuro so, kɔeɛ ara mpo, kɔduruu Naftali. 7 Ɔsɛee abosonsomfoɔ afɔrebukyia, Asera afɔrebukyia, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Ɔdwirii nnuhwam afɔrebukyia a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsane kɔɔ Yerusalem.
8 Nʼadedie mfeɛ dunwɔtwe so no a ɔwiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ, sɛ wɔnsiesie
9 Wɔde sika a Lewifoɔ a wɔsom sɛ aponoanohwɛfoɔ agyegye wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho maa ɔsɔfopanin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfoɔ ne Israel nkaeɛfoɔ nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfoɔ na wɔde akyɛdeɛ no baeɛ. 10 Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ nsiesie
12 Adwumayɛfoɔ no de nokorɛdie yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Merarifoɔ abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifoɔ a wɔfiri Kohatfoɔ abusua mu na wɔhwɛɛ adwumafoɔ no so. Lewifoɔ a aka a wɔn nyinaa wɔ nnwontodeɛ ho nimdeɛ no, 13 wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ.
14 Na ɔsɔfopanin Hilkia retwerɛtwerɛ sika a wɔagyegye wɔ
16 Safan de nwoma mmobɔeɛ no kɔmaa ɔhene kaa sɛ, “Wo mpanimfoɔ no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. 17 Sika a wɔgyegyee no
19 Ɛberɛ a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 20 Afei, ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asɛnnie twerɛfoɔ Safan ne ɔhene ɔfotufoɔ Asaia sɛ, 21 “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne
22 Hilkia ne mmarima a aka no kɔɔ odiyifoɔ baa Hulda a na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nana nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Misne.
23 Ɔbaa no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “
29 Na ɔhene no frɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa. 30 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ
32 Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no sɛ, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn apam no mu.
33 Enti, Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no firii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom