1 Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. 2 Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum. 3 Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no.
4 Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 5 Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum.
6 Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi.
7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no.
8 Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.
9 Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. 10 Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ.
11 Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.
19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: