1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria.[a] Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ, 2 “Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3 monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.”
4 Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu[b] mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?”
5 Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.”
6 Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.”
9 Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom? 10 Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri
12 Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu. 13 Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?”
14 Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane.
15 Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab[c] babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?”
17 Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ
18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie. 19 Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.
20 Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. 21 Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie[d] hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. 22 Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.
23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom
25 Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27 Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ.
28 Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29 Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ.
30 Na
32 Nna no mu,
34 Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
35 Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 36 Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.
<- 2 Ahemfo 92 Ahemfo 11 ->-
a 10.1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn firi Ɔhene Omri berɛ so (1 Ah 16.24).
b 10.4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28).
c 10.15 Na Rekabfoɔ no yɛ Rekab asefoɔ a na wɔda so te ase Yeremia berɛ so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yie. Na wɔdi atutena. Na wɔyɛ Kenifoɔ a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase firi wɔn mu.
d 10.21 Ahab na ɔsii Baal abosomfie no (1 Ah 16.32).