1 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. 2 Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba[a] a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no. 3 Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ
4 Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ[b] asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa
5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no. 6 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no. 7 Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ
9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim. 10 Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no
12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”
13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ
15 Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ
17 Na Yehoiada yɛɛ apam de too
21 Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson.
<- 2 Ahemfo 102 Ahemfo 12 ->-
a 11.2 Ɛsono Yehoseba ne maame na ɛsono Atalia nso ne maame. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno enti na ɔtumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfoɔ no mpiam no.
b 11.4 Na Karifoɔ yɛ ahɔhoɔ asraafoɔ a wɔbɔ wɔn paa a wɔfiri Asia Kumaa mu. Wɔn na wɔbɛsii Keritifoɔ anan Dawid berɛ so (2 Sam 8.18).