1 Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Samaria. 2 Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ
4 Na Yehoahas bɔɔ
7 Ne korakora ne sɛ, Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te sɛ deɛ wɔyɛ mfuturo wɔ ne nan ase.
8 Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 9 Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas[a] dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
10 Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia. 11 Na ɔyɛɛ bɔne
14 Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no sɛ, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!”
15 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no. 16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no sɛ ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.
17 Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ.
20 Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21 Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!
22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. 23 Nanso,
24 Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 25 Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.
<- 2 Ahemfo 122 Ahemfo 14 ->-
a 13.9 Ɔdii adeɛ wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu yɛ Yoas