1 Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmiɛnsa. 2 Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 4 Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri sɛ, na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan.
5 Hesekia de ne ho too
9 Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahennie wɔ Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ. 10 Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie wɔ Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ. 11 Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu. 12 Ɛfiri sɛ, wɔantie
13 Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako. 15 Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no
17 Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia[a] so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho. 18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ.
19 Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ,
26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.”
27 Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
28 Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! 29 Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. 30 Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto
31 “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu. 32 Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa!
36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
37 Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.
<- 2 Ahemfo 172 Ahemfo 19 ->-
a 18.17 Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tuiɛ no ma wɔnyaa nsuo firii Asubɔnten Gihon mu.