5 Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 6 Ɛberɛ a Yehoiakim wuiɛ no, ne babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
7 Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.
8 Ɛberɛ a Yehoiakyin dii adeɛ no, na wadi mfeɛ dunwɔtwe, na ɔdii ɔhene Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no babaa Nehusta. 9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ
10 Yehoiakyin ahennie mu no, Babiloniahene Nebukadnessar akodɔm mu mpanimfoɔ bɛtuaa Yerusalem. 11 Ɔtua no mu, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufoɔ, atitire, mpanimfoɔ ne ɔhemmaa de wɔn ho maa Babiloniafoɔ. Nebukadnessar dii adeɛ ne mfeɛ nwɔtwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin, de no too afiase. 13 Sɛdeɛ
15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanimfoɔ, ɔhemmaa ne Yerusalem nnipa atitire ka ho. 16 Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie. 17 Afei, Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii adeɛ sɛ ɔhene foforɔ. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
18 Ɛberɛ a Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa. 19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ