1 Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi
2 Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ
3 Afei, mmarima akwatafoɔ[a] baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo? 4 Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”
5 Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. 6 Na
8 Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.
9 Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.”
10 Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11 Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ.
12 Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.”
13 Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.”
14 Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no. 15 Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ. 16 Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ
17 Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no. 18 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu.”
19 Ɔhene no panin no buaa sɛ, “Sɛ
-
a 7.3 Akwatafoɔ nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (3 Mose 13.46).