1 Dawid sianee bepɔ no pɛ na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔ wɔn so. 2 Ɔhene no bisaa Siba sɛ, “Na yeinom nso ɛ?” Na Siba buaa sɛ, “Mfunumu no, mo nkurɔfoɔ ntena wɔn so, na burodo no ne aduaba no, wɔmfa mma mmeranteɛ no na wɔnni. Na nsã no nso, momfa nkɔ ɛserɛ so hɔ, na wɔn a ɔbrɛ enti wɔbɛtɔ baha no, anom.”
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa sɛ, ‘Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’ ”
4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.”
5 Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima. 6 Ɔpaa Dawid ne ne mpanimfoɔ ne akodɔm a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa aboɔ. 7 Ɔteaam guu Dawid so sɛ, “Firi hanom kɔ! Mogyapɛfoɔ a ɔte sɛ woɔ! Ɔsansani! 8
9 Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.”
10 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ
11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ,
13 Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. 14 Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome.
15 Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. 16 Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!”
17 Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
18 Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a
20 Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel sɛ, “Ɛdeɛn bio na menyɛ?”
21 Ahitofel buaa no sɛ, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri sɛ, wagya wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfie hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu sɛ, woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.” 22 Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.
23 Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.
<- 2 Samuel 152 Samuel 17 ->