1 Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe.
6 Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so. 7 Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.
8 Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me? 9 Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ
12 Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”
13 Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.” 14 Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
15 Enti, Is-Boset gyee Mikal firii ne kunu Paltiel a ɔyɛ Lais babarima no nsam. 16 Na Paltiel de su dii ɔbaa no akyi kɔduruu Bahurim. Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Sane kɔ efie.” Na Paltiel sane kɔɔ efie.
17 Na Abner ne Israel ntuanofoɔ adidi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mmerɛ kakra a atwam nie no, na mopɛ sɛ mosi Dawid ɔhene. 18 Ɛberɛ no nie. Ɛfiri sɛ,
19 Abner sane ne Benyamin abusua mu ntuanofoɔ kasaeɛ. Afei, ɔkɔɔ Hebron kɔbɔɔ Dawid amaneɛ sɛ, Israel nyinaa ne Benyamin taa wʼakyi. 20 Ɛberɛ a Abner ne ne mmarima aduonu baa Hebron no, Dawid too wɔn ɛpono kɛseɛ. 21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Ma menkɔ na menkɔfrɛ Israel nnipa nyinaa na wɔmmra wʼafa. Wɔne wo bɛyɛ apam, na wɔasi wo ɔhene. Na ɛbɛma woadi biribiara a wʼakoma pɛ so.” Enti, Dawid maa Abner kɔɔ dwoodwoo.
22 Abner kɔeɛ ara pɛ, Yoab ne Dawid akodɔm no bi firi ɔsa mu baeɛ a wɔkura asadeɛ bebree. 23 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ Abner baa hɔ nkyɛree koraa, na ɔbɛsraa ɔhene, ama ɔhene ama no kɔ asomdwoeɛ mu no, 24 Yoab yɛɛ ntɛm kɔhunuu ɔhene bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abner kɔ a womaa no kɔeɛ yi, wokyerɛ sɛn? 25 Wonim pefee sɛ, ɔbaa wo so sɛ ɔkwansrafoɔ, bɛhwehwɛɛ deɛ woreyɛ nyinaa mu anaa?”
26 Ɛhɔ ara, Yoab firi Dawid nkyɛn, na ɔsomaa abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner. Wɔkɔtoo no Sira ɔtadeɛ ho, twee no de no baeɛ. Nanso, na Dawid nnim ho hwee. 27 Afei, Abner sane kɔɔ Hebron no, Yoab frɛɛ no kɔɔ nkyɛn kɔsii ɛpono ano te sɛ deɛ ɔrekɔka kɔkoamsɛm akyerɛ no no. Na ɛhɔ no na ɛsiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ ne nuabarima Asahel so wedeɛ no enti, Yoab wɔɔ Abner yafunu mu sekan ma ɔwuiɛ.
28 Akyire no a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔkaa sɛ, “Me ne mʼahemman nnim saa asɛm a ɛfa Abner yi ho hwee wɔ
30 Yoab ne ne nuabarima Abisai kumm Abner, ɛfiri sɛ, Abner kumm wɔn nuabarima Asahel wɔ akono wɔ Gibeon.
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ, “Monsunsuane mo ntoma mu, na momfira ayitoma. Montwa Abner agyaadwoɔ.” Na ɔhene Dawid ankasa dii santen a wɔato no akyi, kɔɔ ɛda no so. 32 Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene Dawid ne nnipa no nyinaa suu wɔ ne damena no ho.
33 Afei, ɔhene too saa kwadwom yi maa Abner:
36 Yei sɔɔ nnipa no ani yie. Nokorɛm, biribiara a ɔhene no yɛeɛ no sɔɔ ɔmanfoɔ no ani. 37 Yei maa obiara a ɔte Yuda ne Israel no hunuu sɛ, ɛnyɛ ɔhene Dawid na ɔkumm Abner.
38 Na ɔhene Dawid bisaa ɔmanfoɔ no sɛ, “Monhunu sɛ ɔkannifoɔ kɛseɛ ne onipa kɛseɛ atɔ fam ɛnnɛ wɔ Israel anaa? 39 Na ɛwom sɛ me ne ɔhene a wɔasra no deɛ, nanso Seruia mmammarima Yoab ne Abisai deɛ, wɔyɛ den dodo ma me sɛ mɛtumi aka wɔn ahyɛ. Ɛno enti,
-
a 3.3 Gesur yɛ Siria ahemman ketewa bi a ɛhɔ na Absalom kɔpɛɛ dwanekɔbea (13.37-38; 14.23).