1 Ɛberɛ a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ne bo tuiɛ, na saa ara nso na ne nkurɔfoɔ no bɔɔ huboa. 2 Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho, 3 ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔte Beerot dadaada no dwane kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔhoɔ de bɛsi ɛnnɛ yi.
4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ.
5 Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome. 6 Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ.
7 Ansa na wɔbɛkɔ no, wɔtwaa ne ti ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kɔtwaa Yordan bɔnhwa no, nantee anadwo mu no nyinaa kɔeɛ. 8 Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ,
9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a
12 Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
<- 2 Samuel 32 Samuel 5 ->