1 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn.
5 Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu! 6 Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba. 7 Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.” 8 Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.” 9 Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano.
10 Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn. 11 Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo. 12 Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so. 13 Sɛ
16 Na amanaman nkuro a
19 Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so! 20 Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo.
<- 5 Mose (Deuteronomium) 195 Mose (Deuteronomium) 21 ->