5 Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.
6 Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi.
7 Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu.
8 Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so. 9 Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no
10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ. 11 Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo. 12 Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ sɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ. 13 Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na
14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so. 15 Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ
16 Ɛnsɛ sɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn ankasa bɔne ano.
17 Ɛsɛ sɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ sɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa. 18 Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na
19 Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a,