1 Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. 2 Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.
3 Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. 4 Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.
7 Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. 8 Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. 9 Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10 Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ.
11 Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:
13 Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie: 14 Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no. 15 Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.