1 “Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu.
2 “Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn. 3 Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no.
4 “Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no. 5 Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no.
6 “Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no. 7 Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa.
8 “Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.
9 “Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no.
10 “Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia. 11 Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase.
12 “Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome.
13 “Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din.
14 “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam.
15 “Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib[a] mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.
16 “Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ[b] na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.
17 “Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba
18 “Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.
19 “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma
20 “Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. 21 Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so. 22 Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ. 23 Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. 24 Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu. 25 Mo
27 “
31 “Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim. 32 Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. 33 Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.”
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 222 Mose (Ɛksodɔs) 24 ->