6 “Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. 7 Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma. 8 Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano.
9 “Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho. 10 Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron. 11 Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho.
12 “Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho 13 na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ. 14 Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn 15 na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.” 16 Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ
17 Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu. 18 Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa. 19 Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ
20 Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so. 21 Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ
22 Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, 23 de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ
24 Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. 25 Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ
28 Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano. 29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ
30 Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho. 31 Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ. 32 Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ
33 Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ.
34 Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa
36 Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire. 37 Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio. 38 Awiaberɛ mu deɛ,