1 Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so. 2 Na
3 Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma. 4 Na
6 Ɛberɛ a
9 Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ. 10 Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu. 11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho. 12 Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ. 13 Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.” 14 Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.
15 Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. 16 Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara. 17 Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu.
18 Afei,
20 Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim. 21 Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. 22 Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.
<- Hesekiel 9Hesekiel 11 ->