1
6 “ ‘Mebɛpuee wo so, na mehunuu sɛ worewɔ wo nan na woda mogya mu, na sɛdeɛ na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo sɛ, “Nya nkwa!” 7 Mehwɛɛ wo ma wonyiniiɛ sɛ afifideɛ. Wonyiniiɛ, wofɛeɛ bɛyɛɛ abohemaa mu deɛ ne ho fɛ pa ara. Wo nufu bobɔeɛ na wo ho nwi fuiɛ, wo a na anka woda adagya.
8 “ ‘Akyire yi mebɛpuee wo so, na mehwɛɛ woɔ na mehunuu sɛ woaso awadeɛ no, mede mʼatadeɛ fa bi kataa wʼadagya so. Mesuae kyerɛɛ wo na mene wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfoɔ
9 “ ‘Mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede sradeɛ ahodoɔ srasraa wo. 10 Mede atadeɛ a wɔanwono ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa wedeɛ mpaboa. Mede nwera papa firaa wo na mede ntadeɛ aboɔden guguu so. 11 Mede agudeɛ siesiee wo. Mede nkapo guu wʼabakɔn, mede kɔnmuadeɛ too wo kɔn mu, 12 na mede kawa hyɛɛ wo hwene mu, ɛnna mede asomuadeɛ hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotire a ɛyɛ fɛ. 13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa. 14 Na wʼahoɔfɛ enti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ animuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu,
15 “ ‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ. 16 Wode wo ntadeɛ no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn, ɛhɔ na wokɔbɔɔ adwaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sei sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. 17 Afei wode wo nnwinneɛ fɛfɛ a mede maa wo no, deɛ mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛeɛ no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ adwaman. 18 Wode wo ntadeɛ a wɔadi mu adwini hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhwam brɛɛ wɔn. 19 Bio, aduane a mede maa woɔ no, esiam papa, ɛwoɔ ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyi hwa. Saa na ɛsiiɛ, Otumfoɔ
20 “ ‘Wofaa wo mmammarima ne wo mmammaa, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ aduane maa ahoni. Wʼadwamammɔ no nnɔɔso anaa? 21 Wokumm me mma de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa ahoni no. 22 Akyiwadeɛ a woyɛeɛ ne wʼadwamammɔ akyi no, woankae wo mmabunu ɛberɛ a na wo ho da hɔ na worewowɔ wo nan wɔ mogya mu no.
23 “ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfoɔ
30 “ ‘Wonni ahohyɛsoɔ koraa, Otumfoɔ
32 “ ‘Wo, ɔyere waresɛefoɔ, wopɛ ahɔhoɔ sene wo ara wo kunu! 33 Odwamanfoɔ biara gye akatua, nanso wodeɛ, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfoɔ nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, wɔmfiri baabiara mmra wo nkyɛn. 34 Enti wʼadwamammɔ mu no wonte sɛ afoforɔ; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔeɛ. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, ɛfiri sɛ wotua ka na obiara mma wo hwee.
35 “ ‘Enti, wo odwamanfoɔ, tie
43 “ ‘Sɛ woankae wo mmabunu nna, na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me abufuo enti, ɛkwan biara so mɛma deɛ woayɛ no abɔ wo tiri so, Otumfoɔ
44 “ ‘Obiara a ɔbu bɛ no bɛbu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛdeɛ ɛna teɛ no saa ara na ne babaa teɛ.” 45 Wo maame sopaa ne kunu ne ne mma. Wo nso saa ara na woteɛ. Wote te sɛ wo nuanom mmaa a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma. Wo maame yɛ Hetini ɛnna wʼagya yɛ Amorini. 46 Na wo nuabaa panin ne Samaria a na ɔne ne mmammaa te wʼatifi fam, ɛnna wo nuabaa kumaa a ɔne ne mmammaa te wʼanafoɔ fam yɛ Sodom. 47 Woannante wɔn akwan mu, ansuasua wɔn akyiwadeɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔeɛ sene wɔn. 48 Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ
49 “ ‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ. 50 Wɔyɛɛ ahomasoɔ ne akyiwadeɛ wɔ mʼanim. Ɛno enti meyii wɔn sii nkyɛn sɛdeɛ woahunu no. 51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛeɛ no mu fa. Woayɛ akyiwadeɛ a ɛboro deɛ wo nuammaanom no yɛeɛ no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuammaa no tene, ɛsiane saa nneɛma a woayɛ no enti. 52 Gye wʼanimguaseɛ, ɛfiri sɛ woama wo nnuammaa adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sene wɔn deɛ, enti ayɛ sɛ wɔtene sene wo. Ɛnneɛ afei gye wʼanimguaseɛ na wama ayɛ sɛ wo nnuammaa tene.
53 “ ‘Nanso, mede Sodom siadeɛ ne ne mmammaa, Samaria siadeɛ ne ne mmammaa bɛma wɔn, na mede wo siadeɛ bɛka ho, 54 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye wʼanimguaseɛ na wʼani bɛwu wɔ deɛ woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. 55 Na wo nuammaa Sodom ne ne mmammaa, Samaria ne ne mmammaa bɛsane akɔ wɔn tebea dada mu, na wo ne wo mmammaa nso bɛsane akɔ mo dada mu. 56 Anka woremmɔ wo nuabaa Sodom din wɔ wʼahohoahoa ɛda, 57 kɔsi sɛ wʼamumuyɛ ho daa hɔ. Ɛbɛsi ɛnnɛ Edom mmammaa bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a atwa wɔn ho ahyia ne Filistifoɔ mmammaa, ɛne wɔn a atwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. 58 Deɛ ɛbɛfiri nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwadeɛ mu aba no bɛda wo so,
59 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ