1 Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano, 2 na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam sɛ apue wɔ apueeɛ fam reba. Na ne nne te sɛ nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanimuonyam no mu. 3 Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam. 4
6 Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. 7 Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi. 8 Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu. 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.
10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho, 11 na sɛ wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so.
12 “Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ.
13 “Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu dɔ yɛ anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene: 14 Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa. 15 Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16 Afɔrebukyia wisie tokuro no yɛ ahinanan, na ɛfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. 17 Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia yɛ ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam.”
18 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ
22 “Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no. 23 Sɛ wowie ɛho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ. 24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba
25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba. 26 Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadie. 27 Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ