1 Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. 2 Na
4 Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu
5 Na
10 “ ‘Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. 11 Wɔbɛtumi asom wɔ me kronkronbea hɔ ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom wɔ mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso, ɛsiane sɛ wɔsomm wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ
15 “ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ
17 “ ‘Sɛ wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom wɔ apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ hɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. 19 Sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, sɛ ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho.
20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ hɔ. 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom yɛ asɔfoɔ. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi yɛ adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ.
24 “ ‘Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron.
25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26 Na sɛ wɔdwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ
28 “ ‘Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama