1 Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ
5 Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi.
6 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa.”
7 Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ.
9 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘
14 Afei ɔde me baa
16 Afei, ɔde me baa
17 Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase! 18 Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn.”
<- Hesekiel 7Hesekiel 9 ->