1 Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.” 2 Mehunuu sɛ mmarimma baasia firi atifi ɛpono a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura kɔdiawuo akodeɛ. Na ɔbarima bi a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.
3 Na Israel Onyankopɔn animuonyam pagyaa ne ho firi Kerubim no so, baabi a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no ɛkwan ano. Afei
5 Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara. 6 Monkunkum nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmaayewa, mmaa ne mmɔfra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no. Momfiri aseɛ wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no hyɛɛ aseɛ.
7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adihɔ hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔɔeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. 8 Ɛberɛ a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mebutuu hɔ suiɛ sɛ, “Aa Otumfoɔ
9 Na ɔbuaa me sɛ, “Israelfoɔ ne Yuda amumuyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyea ahyɛ asase no so ma. Wɔka sɛ, ‘
11 Afei, ɔbarima a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔ ne nkyɛn mu no de nkra baeɛ sɛ, “Mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no.”
<- Hesekiel 8Hesekiel 10 ->