2
1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,[a] Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
Asaf[b] abusuafoɔ | 128 |
- Ɛsra
- <
- 2
- >
42 Aponoanohwɛfoɔ:[c]
Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ | |
Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ | 139 |
43 Asɔredan asomfoɔ:
Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, |
44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ, |
45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, |
46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, |
47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, |
48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, |
49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ, |
50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, |
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, |
52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, |
53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, |
54 Nesia ne Hatifa. |
55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, | |
56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, | |
57 Sefatia, Hatil, | |
Pokeret-Hasebaim ne Ami. | |
58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ | 392 |
59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne:
60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ | 652 |
61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ[d] ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68 Ɛberɛ a wɔduruu
70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.
<- Ɛsra 1Ɛsra 3 ->a 2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. b 2.41 Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. c 2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano. d 2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase.