1 Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba. 2 Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.”
3 Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ. 4 Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ. 5 Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
6 Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no. 7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa. 8 Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.”
9 Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.
10 Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu. 11 Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.
12 Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha, 13 ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru
14 Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ,
15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”
16 Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ,
18 Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom! 19 Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu. 20 Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?”
21 Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no. 22 Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.
23 Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue. 24 Afei,
27 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa
29 Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no.
30 Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar. 31 Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no. 32 Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.”
33 Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.
34 Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.” 35 Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.
36 Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ. 37 Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ. 38 Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ.
<- 1 Mose (Gyenesis) 181 Mose (Gyenesis) 20 ->