1 Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!”
2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. 4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”
6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!”
8 Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.
9 Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so. 10 Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no. 11 Ɛhɔ ara na
12
13 Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu. 14 Abraham too beaeɛ no din sɛ
15
19 Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.