1 Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie.
5 Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”
6 Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. 7
10 Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu. 11 Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.
12 Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao,
15 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima. 16 Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ.
17 Ɔsomfoɔ no de ahoɔherɛ kɔhyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsuo no kakra ma mennom.”
18 Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, “Me wura, gye bi nom.”
19 Rebeka maa ɔsomfoɔ no nsuo no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mɛsane akɔtwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.” 20 Enti, Rebeka de ahoɔherɛ hwiee ne nsuo no guu anomeeɛ bi mu, sane kɔtwee nsuo a ɛbɛso nyoma no nyinaa nom de baeɛ. 21 Ɔsomfoɔ no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ɔhunu sɛ
22 Nyoma no nom nsuo no wieeɛ no, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ hwenemukawa a emu duru kari gram nsia ne sikakɔkɔɔ nkapo mmienu a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan. 23 Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, yɛbɛnya daberɛ wɔ wo agya fie ama adeɛ akye anaa?”
24 Rebeka buaa no sɛ, “Betuel babaa ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.” 25 Ɔka kaa ho sɛ, “Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane bebree ne baabi a, mo nso, mobɛda.”
26 Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree
28 Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ. 29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so. 30 Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so. 31 Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a
32 Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho. 33 Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”
34 Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ. 35
39 “Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’
40 “Me wura Abraham buaa sɛ, ‘
42 “Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao,
45 “Ansa na mɛwie mʼakoma mu mpaeɛbɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne batiri so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtoo nsuo, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’
46 “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ.
47 “Mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’
50 Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi
52 Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ
55 Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.”
56 Akoa no buaa wɔn sɛ, “
57 Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.” 58 Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?”
59 Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan. 60 Wɔhyiraa Rebeka sɛ,
61 Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ.
62 Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi. 63 Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba. 64 Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so, 65 bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?”
66 Abraham ɔsomfoɔ no bɔɔ Isak nsɛm a asisie no nyinaa ho amaneɛ. 67 Isak de Rebeka kɔɔ ne maame Sara ntomadan mu. Na ɔwaree no, ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yie. Yei maa Isak werɛ kyekyereeɛ wɔ ne maame Sara wuo akyiri.
<- 1 Mose (Gyenesis) 231 Mose (Gyenesis) 25 ->