1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da. 2 Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako. 3 Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba. 4 Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” 5 Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima.
6 Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.” 7 Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. 8 Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. 9 Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.
10 Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11 Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ. 12 Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13 Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene
16 Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na
18 Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19 Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus.
20 Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ,