1 Asɛm a yɛgyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanin a ɔte Otumfoɔ a ɔwɔ ɔsoro no ahennwa no nifa. 2 Ɔsom sɛ Ɔsɔfopanin wɔ Kronkronbea hɔ a ɛyɛ ntomadan a ɛwɔ ɔsoro. Saa ntomadan yi, Awurade ankasa na ɔsiiɛ na ɛnyɛ onipa.
3 Wɔyi Ɔsɔfopanin biara sɛ ɔmfa akyɛdeɛ ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɛno enti ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ. 4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfoɔ koraa ɛfiri sɛ, asɔfoɔ wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔdeɛ ma, sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no. 5 Nanso dwuma a wɔdi sɛ asɔfoɔ no yɛ ɔsoro nsususoɔ bi kwa. Ɛte sɛ Mose berɛ so deɛ no ara pɛ. Ɛberɛ a ɔpɛɛ sɛ ɔsi ntomadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Si no sɛdeɛ merekyerɛ wo wɔ bepɔ no so pɛpɛɛpɛ.” 6 Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.
7 Sɛ na apam a ɛdi ɛkan no yɛ a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛtɔ so mmienu no. 8 Nanso, Onyankopɔn hunuu mfomsoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ ho ɛberɛ a ɔkaa sɛ,
13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforɔ” no ama deɛ wɔyɛɛ kane no ayɛ dada; na biribiara a anyini ayɛ dada no nkyɛre yera.
<- Hebrifoɔ 7Hebrifoɔ 9 ->