1 Akyire yi, ayuotwaberɛ mu no, Samson faa abirekyie ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn nanso, ɔbaa no agya amma no mu ɛkwan.
2 Ɔbaa no agya no kaa sɛ, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno enti, mede no ama ɔbarima a na ɔdi wʼanan ase wɔ mo ayeforɔhyia mu no. Nanso, hwɛ ne nuabaa ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
3 Samson kaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi, obiara rentumi mmɔ me soboɔ wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifoɔ ho.” 4 Afei ɔfiri hɔ kɔeɛ, kɔkyeree asakraman ahasa. Ɔkyekyeree sakraman mmienu mmienu dua bɔɔ ho. Mmienu biara nso, ɔkyekyeree ogyatɛn fam ho. 5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa asakraman no tuu mmirika faa Filistifoɔ mfuo mu. Ɔhyee wɔn ayuo nyinaa pasaa; deɛ wɔahyehyɛ no apa so ne deɛ wɔnntwaeɛ nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobefuo ne ngo nnua nyinaa.
6 Filistifoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan na ɔyɛɛ saa amumuyɛ yi?” Wɔn ara buaa sɛ, “Ɛyɛ Samson ɛfiri sɛ, nʼase barima a ɔfiri Timna de Samson yere ama ɔbarima a na ɔdi ne nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.” Enti, Filistifoɔ kɔkyeree ɔbaa no ne nʼagya hyee wɔn ma wɔwuiɛ.
7 Samson suaee sɛ, “Esiane deɛ moayɛ yi enti, mɛtua mo so ka na merennyae ara da kɔsi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” 8 Enti, ɔde abufuo kɔto hyɛɛ Filistifoɔ no so kunkumm wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
9 Filistifoɔ no nso kyeree sraban wɔ Yuda sɛee Lehi kuro no de tuaa ne so ka. 10 Yuda mmarima bisaa Filistifoɔ no sɛ, “Adɛn enti na moto hyɛ yɛn so saa?”
12 Nanso, Yuda mmarima ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifoɔ.”
13 Wɔbuaa sɛ, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifoɔ. Yɛrenkum wo.” Enti, wɔde ahoma foforɔ mmienu guu ne so kyekyeree no pampee, twee no firii ɔbotan no mu.
14 Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na
18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ
20 Samson yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu ɛberɛ a na Filistifoɔ di Israel asase so no.
<- Atemmufoɔ 14Atemmufoɔ 16 ->