1 Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.
2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ, 3 “Ao
4 Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. 5 Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ
6 Na Israelfoɔ no dii yea wɔ Benyaminfoɔ no ho kaa sɛ, “Ɛnnɛ yi, abusuakuo baako afiri yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka
8 Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ
13 Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. 14 Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so.
15 Nnipa no dii Benyaminfoɔ no ho yea, sɛ
20 Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no sɛ, “Monkɔtɛ wɔ bobe nturo no mu. 21 Sɛ mmaa a wɔfiri Silo no ba bɛsa wɔn asa no a, mompue mfiri bobe nturo no mu, na mo mu biara bɛtumi afa wɔn mu baako de no akɔ efie sɛ ne yere. 22 Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, monte aseɛ. Momma wɔmfa mo mmammaa no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛkunkumm Yabes Gileadfoɔ no, yɛannya mmaa a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Monnni ntam no ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mode mo mmammaa maa wɔn awadeɛ.’ ”
23 Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu. 24 Na Israelfoɔ mmusuakuo ne mmusua no firii hɔ sane kɔɔ wɔn ankasa afie mu.
25 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.