11 Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no,
saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ.
Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu,
na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.
12 Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no,
ɛhɔ na yɛsom.
13 Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,
wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn
ɛfiri sɛ wɔagya Awurade
a ɔyɛ nkwa asutire.
14 Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na mɛnya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
15 Wɔbisa me daa sɛ,
“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?
Ma ɛmmra mu seesei!”
16 Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;
wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da.
Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.
17 Nhunahuna me;
wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da.
18 Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase,
na yi me firi ahohora mu.
Ma wɔn mmɔ hu,
nanso mma me bo ntu.
Ma amanehunu da no mmra wɔn so;
fa ɔhawprenu sɛe wɔn.
Monyɛ Homeda No Kronkron
19 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano. 20 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu. 21 Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu. 22 Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no. 23 Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ. 24 Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, 25 ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. 26 Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie. 27 Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”