1 Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, 2 ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ. 3 Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. 4 Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn. 5 Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia. 6 Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ”