5 Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia wɔ Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso. 7 Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia.
8 Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no. 9 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia. 10 Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.
11 Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ, 12 “Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.” 13 Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa 14 soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.
15 Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no,