1 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no gyaee Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no firi
7 Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wiram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8 wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmammarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ɔfiri Netofa mmammarima, Yesania a, ɔyɛ Maakani babarima ne wɔn mmarima. 9 Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den sɛ, “Monnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie. 10 Me deɛ, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafoɔ a wɔbɛba abɛhyia yɛn no mu, na mo deɛ, monkɔ boaboa nsã, ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twaberɛ mu, na montenatena nkuro a moafa no so.” 11 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahodoɔ a aka no, tee sɛ Babiloniahene agya nkaeɛfoɔ bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana sɛ amrado wɔ wɔn so no, 12 wɔn nyinaa sane baa Yuda asase so firi aman a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsã ne ahuhuro nnuaba bebree ano wɔ twaberɛ mu.
13 Na Karea babarima Yohanan ne akodɔm ntuanofoɔ a wɔda so wɔ wiram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa 14 na wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael sɛ, ɔmmɛkum wo anaa?” Nanso, Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.
15 Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kɔkoam wɔ Mispa sɛ, “Ma menkɔkum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkum wo na ɔma Yudafoɔ a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ hwete, na Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no yera?”
16 Nanso, Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan sɛ, “Ɛnyɛ saa adeɛ yi! Deɛ woka fa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.”
<- Yeremia 39Yeremia 41 ->